MENU

Fun & Interesting

MARK ANIM-YIRENKYI - NAOMI [OFFICIAL AUDIOTRACK]

Video Not Working? Fix It Now

LYRICS Ɛnsɛ me sɛ, mensan. Mense me sɛ, mensan Naomi eee Mense me sɛ, mensan kɔ ahonisom mu. Ɛnsɛ me sɛ, mensan. Mense me sɛ, mensan Naomi eee Mense me sɛ, mensan kɔ ahonisom mu da. Manya mahu wo yi, maso wo mu yi.(ahaa) Medi w'akyi me Nkwa nna nyinaa. (Merensan nko nkosom Chimosh . Hebrewfoɔ Nyame no bɛyɛ me Nyame. Manya mahu wo yi, maso wo mu yi.(ahaa) Medi w'akyi me Nkwa nna nyinaa. (I’ll not go back to the fish god no more bow to the destroyer) Manya mahu wo yi, maso wo mu yi.(Oh Yahwah) Medi w'akyi me Nkwa nna nyinaa. (Yah Yisrael) Nea wobɛkɔ no, ɛho na me kɔ. Nea wobɛda no, ɛho a, na me da. Wonkrofuo bɛyɛ me nkrofuo. Hwe na wo Nyame ayɛ me Nyame. Manya mahu wo yi, maso wo mu yi. Medi w'akyi me Nkwa nna nyinaa. Matɛ bebree afa mo Nyame no ho Nkunim akɛse a ɔdii no Egypt. Ɔse, monkɔ nkakyerɛ Pharaoh sɛ Hebrew Nyame na asoma mo. Omma mabakan no nkɔ Mmmm, wama no ankɔ a, mɛkum ne mmakan nyinaa. Babylon hene Nebuchadnezzar Yɛɛ ɔhoni kɛse bi maa wiase sɛ yɛnsom, Hebrewfuo mmrantie yi sore gyinae se, Hwe! Yendie yesom oboadie Nyankopong, Enti yenkoto ohene ahoni no. Hebrew Nyankopong firi soro begyee wɔn., Manya mahu wo yi, maso wo mu yi. Medi w'akyi me Nkwa nna nyinaa. Afei, yenhwe Medo-Persia. Haman sore gyina tiaa Hebrewfuo. Hebrew Nyankopong beko dii nkunim. ( And now we go to the foot of the image in Daniel Chapter two, Greco-Roman, Euro-gentile) Mode mo tumi asesa nnɔmma pii, moasesa mmere, moasesa mmara, moasesa Nyame a yɛsom noɔ mpo, abodie mmera w’ahye ato ho no, moasesa no ma nne obaa ware baa. moasesa mmere a aduaba desoɔ ma nne aduaba bi so po a aba nni mu, Hebrewfuo no anyane afiri awufuor mu aboba no oo ohoni no nan ase! Hebrew Nyankopong ama ne homereso, Yahwah Savaot ama ne homeresɔ, Ode nkunimdie bɛma ne manfuo, Ekuo ketewaa mma monsuro oo, Ɛyɛ mo Agya fɛ sɛ ode ahenie no bɛma mo. Manya mahu no yi maso nemu yi medi n’akyi me nkwa nna nyinaa (Merenkosom anyame biom, Nokore Nyankopong koro no nkoaa na mesom daa) Manya mahu no yi maso ne mu (Yah Yahwah) yi medi n’akyi me nkwa nna nyinaa. (Mo die, mosom nea monnim, na yɛn die, yesom nea yɛnim a, aaa.) Manya mahu wo yi maso wo mu yi (Oh oh Yahwa) medi w’akyi me nkwa nna nyinaa. Manya mahu wo yi maso wo mu yi medi w’akyi menkwa nna nyinaa. (Ebere no abɔɔ, na ebere no nie, Wɔn a wobesom Agya no, besom no honhom mu ne Nokore mu.) manya mahu wo yi (Na saa fo no na Agya no hehwɛ) medi w’akyi me nkwa nna nyinaa. (We will sing in your Holy name ) Manya mahu wo yi maso wo mu yi (David se obɛto nnwom ama ne din no daa) medi w’akyi me nkwa nna nyinaa. (I will sing in your Holy name) (HalleluYah! ) (We praise your Holy name) Manya mahu wo yi maso wo mu yi medi w’akyi menkwa nna nyinaa. (And it shall come to pass those who will call on this name shall be saved, HalleluYah!) Manya mahu wo yi maso wo mu yi medi w’akyi me nkwa nna nyinaa. (Wɔdin no yɛ kronkron) (Wɔdin no yɛ kronkron yɛn Nyankopong) (Yahwah HalleluYah, we will praise your Holy name.) Manya mahu yi maso wo mu yi medi w’akyi me nkwa nna nyinaa Subscribe to all my channels - https://linktr.ee/iammarkanimyirenkyiofficial?utm_source=linktree_profile_share<sid=1c064cb7-fb17-44bc-9018-0176ba2799fd Follow Mark Anim-Yirenkyi on... Instagram: https://www.instagram.com/iammarkanimyirenkyi?igsh=ZTRpeXdkYjN5YTVv TikTok: https://www.tiktok.com/@iammarkanimyirenkyi?_t=8nKHhbFhD2T&_r=1 Facebook: https://www.facebook.com/markanimyirenkyi?mibextid=LQQJ4d Twitter: https://x.com/iammarkanim?s=11

Comment